Psalms 66

Ayeyi ne aseda dwom

1Nnipa nyinaa, momfa ahosɛpɛw nto ayeyi dwom mma Onyankopɔn!
2Monto, nkamfo ne din.
Monkamfo nʼanuonyam!
3Munse Onyankopɔn se, “Wo nsa ano nnwuma yɛ nwonwa.
Wo tumi so kosi sɛ wʼatamfo de suro kotow wʼanim.
4Obiara a ɔwɔ asase so kotow wo.
Wɔto dwom de kamfo wo; wɔto dwom de kamfo wo din.”
5Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
6Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; yɛn nenanom de wɔn nan twaa asu no.
Ɛhɔ na nea ɔyɛe no nti, yɛn ani gyei.
7Ne tumi nti, odi hene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.
Mma dɔm nnsɔre nntia no.
8Aman nyinaa, monkamfo yɛn Nyankopɔn; momma wɔnte mo nkamfo no.
9Wama yɛte nkwa mu na ɔmma ho kwan mma yɛnhwe ase.
10Onyankopɔn, woasɔ yɛn ahwɛ.
Sɛnea ogya hoa dwetɛ ho no, saa ara na woasɔ yɛn ahwɛ.
11Womaa firi yii yɛn na wode nnosoa a ɛyɛ duru guu yɛn akyi.
12Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so.
Yɛfaa ogya ne nsuyiri mu, nanso mprempren wode yɛn abedu baabi a asomdwoe wɔ.
13Mede ɔhyew afɔre bɛba wo fi; mede nea mehyɛɛ wo ho bɔ no bɛma wo.
14Mede nea mekae se mede bɛma wo bere a na mewɔ ɔhaw mu no, bɛma wo.
15Mɛma oguan, na wɔahyew no afɔremuka no so.
Mede anantwinini ne mmirekyi bɛbɔ afɔre no, na wusiw no akɔ soro tee.
16Mo a mohyɛ Onyankopɔn anuonyam nyinaa mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me akyerɛ mo.
17Misu frɛɛ no sɛ ɔmmoa me; metoo nnwom kamfoo no.
18Sɛ midii me bɔne akyi a, anka Awurade rentie me.
19Nanso, nokwarem,
Onyankopɔn atie me, watie me mpaebɔ.
20Mekamfo Onyankopɔn efisɛ, wampo me mpaebɔ na wannyae ne dɔ a ɔde dɔ me daa no.
Copyright information for TwiNAK